Nnwom 67 - KYERƐW KRONKRONNnɔbaetwa so aseda dwom Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dwom a wɔto no asanku ano 1 Onyankopɔn nnom yɛn nhyira yɛn, ɔntew n’anim nkyerɛ yɛn. Sela 2 Na wonhu wo kwan asase so, wo nkwagye amanaman nyinaa mu. 3 Onyankopɔn, aman beyi wo ayɛ, aman nyinaa beyi wo ayɛ. 4 Aman ani begye na wɔato ahosan nnwom, sɛ wubu aman atɛntrenee na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan. Sela 5 Onyankopɔn, aman beyi wo ayɛ, aman nyinaa beyi wo ayɛ. 6 Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn. 7 Onyankopɔn behyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana