Nnwom 64 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn bu abɔnefo atɛn Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom 1 Onyankopɔn, tie me nne, me nkɔmmɔdi mu, bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfo ammeyi me hu. 2 Fa me hintaw fi nnipa bɔne kokoam agyinatu ho, fi amumɔyɛfo gyegyeegye ho. 3 Wɔn na wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ afoa, wokuntun ta mu rebɛtow wɔn mmɛmma, ɛne nsɛm fo, 4 sɛ wɔbɛtow abɔ nea ɔyɛ pɛ no kokoam, wɔtow bɔ mpofirim, na wonsuro. 5 Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wobehintaw asum afiri, wɔka sɛ: Hena na obehu yɛn? 6 Wɔbɔre hwehwɛ amumɔyɛ, wɔawie wɔn atirimpɔw no, wɔabɔre abɔre, efisɛ onipa tirim ne ne komam dɔ. 7 Na Onyankopɔn bɛtow bɛmma abɔ wɔn, wobepira mpofirim, 8 na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkrɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhwɛ wɔn nyinaa ho bɛpopo. 9 Na nnipa nyinaa besuro, na wɔaka Onyankopɔn adwuma, na wɔahu ne nneyɛe mu. 10 Ɔtreneeni ani begye AWURADE ho, na waguan atoa no, na komam teefo nyinaa bɛhyehye wɔn ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana