Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 6 - KYERƐW KRONKRON


Nkotosrɛ mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa sanku nto no ɛnne so. Dawid dwom

1 AWURADE, mfa w’abufuw nka m’anim, na mfa w’abufuhyew ntwe m’aso.

2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, efisɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yare, na me nnompe adwiriw,

3 na me kra ho nso adwiriw no sɛ: Na wo, AWURADE, enkosi da bɛn?

4 San bra, AWURADE, begye me kra, gye me nkwa, w’adɔe nti.

5 Na wo ho nkae nni owu mu. Hena na obeyi wo ayɛ wɔ Asamando?

6 M’apinisi ama mabrɛ, anadwo biara me mpa fɔw, mede me nusu mefɔw me nnae.

7 Awerɛhow ama m’ani ayɛ siamoo, ɛso ayɛ wusiwusi, m’ahohiahiafo nyinaa nti.

8 Mo amumɔyɛfo nyinaa, mumfi me so mfi! Na AWURADE ate me su.

9 AWURADE ate me nkotɔsrɛ, AWURADE begye me mpaebɔ so.

10 M’atamfo nyinaa ani bewu, na wɔn ho adwiriw wɔn sɛ, na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan