Nnwom 59 - KYERƐW KRONKRONDwom a etia nkɔnkɔnsa Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Nsɛe!” nne so Dawid abebu dwom. Ɔtoe bere a Saulo soma ma wokobuw ne fi sɛ wonkum no no. 1 Me Nyankopɔn, gye me fi m’atamfo nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre hyɛ me no ho. 2 Gye me amumɔyɛfo mu, na gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam. 3 Na hwɛ, wobuw me kra, akokobirifo boaboa wɔn ho ano hyɛ me, AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti. 4 Ɛnyɛ m’amumɔyɛ nti na wotu mmirika siesie wɔn ho. Sɔre bɛboa me, na fa w’ani hwɛ. 5 Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyan bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhu amumɔyɛfo nkontompofo mmɔbɔ. Sela 6 Wɔsan ba anadwofa, wɔpo so sɛ akraman, na wɔbɔ kurow mu anworaman. 7 Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrante wɔ wɔn ano, na “Hena na ɔte?” 8 Na wo, AWURADE, woserew wɔn, wudi amanaman nyinaa ho fɛw. 9 M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan, na Onyankopɔn yɛ m’abankɛse. 10 Me Nyankopɔn de ne dom behyia me, Onyankopɔn bɛma mahu nea mepɛ m’atɛwfo ho. 11 Nkum wɔn, na me man werɛ amfi; fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam, na fa wɔn hwe fam, yɛn kyɛm ne wo, AWURADE. 12 Wɔn anom nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkyere wɔn, wɔn ahantan mu, ne nsew ne atoro a wodi no nti. 13 Hyew wɔn abufuw mu, hyew wɔn na wɔantena hɔ, na ma wonhu sɛ Onyankopɔn na odi Yakob so hene, kosi asase ano. Sela 14 Na wɔsan ba anadwofa, wɔpa so sɛ akraman na wɔbɔ kurow mu anworaman. 15 Wɔn de, wɔnwam hwehwɛ aduan, na sɛ wɔmmee a, wɔtena hɔ anadwo. 16 Na me de, mɛto w’ahoɔden ho dwom, na mato w’adɔe ho ahurusi dwom anɔpa, sɛ woayɛ me abankɛse ne me hiada mu guankɔbea. 17 M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom, na Onyankopɔn ne m’abankɛse, m’adom Nyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana