Nnwom 53 - KYERƐW KRONKRONAgyennyentwi ( Nnwom 14 ) Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid nnwenho dwom. Wɔnto no “Ɔyare” nne so 1 Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumɔyɛde a wokyi, obi nni hɔ a ɔyɛ papa. 2 Onyankopɔn fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. 3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ. 4 So amumɔyɛfo anhu de, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔmfrɛ Onyankopɔn? 5 Ɛno na wɔn ho popoe, nea ahopopo nni hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsra nnompe, woahyɛ wɔn aniwu, na Onyankopɔn apa wɔn. 6 Hena na ɔde Israel nkwagye befi Sion aba? Da a Onyankopɔn de ne man nnommum bɛsan aba no, Yakob bedi ahurusi, na Israel ani agye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana