Nnwom 5 - KYERƐW KRONKRONAnɔpa afɔre so mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom 1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, hwɛ m’apinisi a mikuram. 2 Tie me nteɛm, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpae. 3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na mesiesie mama wo, na mɛhwɛ wo kwan. 4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne; ɔbɔne ne wo rentena. 5 Ahantanfo rennyina w’anim, wotan amumɔyɛfo nyinaa. 6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; AWURADE kyi mogyapɛfo ne asisifo. 7 Na me de, menam wo dom bebree so mɛba wo fi. Na wo ho suro mu na mɛsɔre makyerɛ w’asɔrefi kronkron no, na makotow. 8 AWURADE, fa wo trenee kyerɛ me kwan, wɔn a wɔtɛw me nti, teɛ wo kwan wɔ m’anim. 9 Na wɔn anom nni nokwasɛm bi, ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma, wɔn menewa yɛ ɔda a abue, na wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ. 10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, ma wɔmpɔn mfi wɔn agyinatu ho. Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu, efisɛ wɔasɔre atia wo. 11 Na ma wɔn a woguan toa wo nyinaa ani nnye, na wɔmfa ahosan nhuro daa, efisɛ woakata wɔn so, na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho. 12 Na wo, AWURADE, wuhyira ɔtreneeni, wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɔkyɛm. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana