Nnwom 44 - KYERƐW KRONKRONKan ne nnɛ Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma nnwenho dwom 1 Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate, yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn sɛ: Woayɛ adwuma bi, wɔn bere so, tete mmere no mu. 2 Wode wo nsa pam amanaman, na wɔn de, wuduaa wɔn. Wobɔɔ aman, na wɔn de, wotrɛw wɔn mu. 3 Na ɛnyɛ wɔn ara afoa na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na egyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, efisɛ wopɛ wɔn. 4 Wo, Nyankopɔn, wone me hene, hyɛ na Yakob nnya nkwagye ara nko. 5 Wo so na yɛnam sum yɛn ahohiafo gu, wo din mu na yetiatia wɔn a wɔsɔre hyɛ yɛn no so. 6 Na memfa me ho mento me ta so, na m’afoa nso rennye me. 7 Na woagye yɛn yɛn ahohiafo nsam, na woahyɛ wɔn a wɔtan yɛn aniwu. 8 Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho daa nyinaa, na yeyi wo din ayɛ daapem. Sela 9 Nanso woatow yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora, na wo ne yɛn dɔm ankɔ. 10 Woma yɛdan yɛn akyi kyerɛɛ yɛn ahoguanfo, na wɔn a wɔtan yɛn fow yɛn. 11 Wode yɛn mae sɛ nguan a wodi, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu. 12 Woantɔn wo nkurɔfo annye hwee, woamfa wɔn annye aboɔden. 13 Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa, ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛwdi ne ahiiyi. 14 Wode yɛn ayɛ akasabebui, amanaman mu, woma aman bobɔ wɔn ti nko wɔ yɛn ho. 15 Daa nyinaa m’ahohora da m’anim, na aniwu akata me so, 16 nea ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne ne ɔtamfo ne weredifo nti. 17 Eyi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛn werɛ mfii wo, na yentwaa w’apam ho nkontompo ɛ. 18 Yɛn koma nsan n’akyi ɛ, na yɛn anammɔn nteree wo kwan ho ɛ. 19 Nanso woabubu yɛn pasaa, nea sakraman wɔ, na wode sum kabii akata yɛn so. 20 Sɛ yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din anaasɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ onyame foforo a, 21 ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na onim komam ahintasɛm. 22 Na wo nti na wokum yɛn daa nyinaa, wobu yɛn sɛ nguan a wokokum wɔn. 23 AWURADE, nyan ɛ, adɛn nti na woda? Sɔre ɛ, ntow yɛn nkyene koraa. 24 Adɛn nti na wuyi w’ani hintaw, na wo werɛ fi yɛn amane ne yɛn so hyɛ no? 25 Na wɔabrɛ yɛn kra ase akɔ mfutuma mu, yɛn yafunu butuw fam. 26 Sɔre bɛboa yɛn ɛ, na gye yɛn, w’adɔe nti! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana