Nnwom 42 - KYERƐW KRONKRONNHOMA A ƐTO SO ABIEN ( Nnwom 42—72 ) Onyankopɔn ho anigyina Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma nnwenho dwom 1 Sɛ ɔforote pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Nyankopɔn, ne no. 2 Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho kɔm de me kra. Da bɛn na mɛba mabefi Nyankopɔn anim? 3 Me nusu ayɛ me aduan awia ne anadwo, sɛ wose me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he? 4 Mekae eyinom, na mihwie me kra wɔ me mu, sɛnea me ne asafokuw nantew kɔɔ Onyankopɔn fi, na me ne nkurɔfo a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyi ne aseda nnwom kɔe no. 5 Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn. 6 Me kra abotow wɔ me mu, enti mekae wo, Yordan ne Hermon mmepɔw asase so, Misar bepɔw so. 7 Ebun frɛ ebun, wo nsu a ɛworo gugu no gyegyeegye no mu, w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa abu afa me so. 8 Adekyee, AWURADE beyi n’adɔe adi, na anadwo mato no dwom mabɔ mpae ama me nkwa Nyankopɔn. 9 Mɛka makyerɛ Onyankopɔn, me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew? 10 Ahohora a m’ahohiafo bɔ me no yɛ me sɛ me nnompe redwerɛw, sɛ daa wose me sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he? 11 Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafo ne me Nyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana