Nnwom 4 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn asomdwoe Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Dawid dwom 1 Me sufrɛ mu gye me so, me trenee Nyankopɔn! Ahohia mu, boa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ. 2 Mo mmarima mma, m’anuonyam bɛdan ahohora akosi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mubedi atoro akyi akosi da bɛn? Sela 3 Na munhu sɛ AWURADE apaw ahotefo afa; sɛ misu mefrɛ AWURADE a, obetie. 4 Mo bo huru a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo komam wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. Sela 5 Mommɔ trenee afɔre, na momfa mo ho ntweri AWURADE. 6 Nnipa bebree bisa sɛ: Hena na ɔbɛma yɛahu papa? AWURADE, tew w'anim ma ɛnharan yɛn so. 7 Wode anigye ahyɛ me komam asen bere a wɔn aburow ne wɔn nsaforo dɔɔso no. 8 Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, AWURADE, nko na woma metena hɔ dwoodwoo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana