Nnwom 3 - KYERƐW KRONKRONAhohia bere mu anɔpa dwom Dawid dwom a ɔtoe bere a oguan fii ne ba Absalom anim 1 AWURADE, hwɛ sɛnea m’ahohiahiafo si dɔɔso fa! Wɔn a wɔsɔre hyɛ me no yɛ pii. 2 Nnipa bebree se me sɛ: Onni nkwagye Onyankopɔn mu. Sela 3 Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’anuonyam ne me werɛkyekyefo. 4 Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron so. Sela 5 Mekɔdae na medae; manyan, na Awurade kura me mu. 6 Minsuro nkurɔfo mpempem a wɔabɔ me so nsraban ahyia yi. 7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfo nyinaa abogye, woabubu abɔnefo se. 8 Na AWURADE na nkwagye wɔ no; wo man so na ma wo nhyira mmra. Sela |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana