Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 26 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn fam ahotew
Dawid de

1 AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri.

2 AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.

3 Na w’adɔe wɔ m’ani so, nso menam wo nokware mu.

4 Me ne nnipa huhuw antena, na me ne nyaatwomfo anhyia mu.

5 Metan nnipa bɔne guabɔ, na me ne nnebɔneyɛfo ntena.

6 Mɛhohoro me nsa, bemdi mu, na metwa w’afɔremuka ho mahyia, AWURADE,

7 sɛ merema wɔate m’aseda dwom, na maka w’anwonwade nyinaa.

8 AWURADE, medɔ wo fi tenabea ne faako a w’anuonyam wɔ.

9 Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfo ho, anaa me nkwa nka mogyapɛfo ho nkɔ.

10 Wɔn na mmusu hyɛ wɔn nsam, na kɛtɛasehyɛ ayɛ wɔn nifa ma.

11 Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

12 Me nan gyina nea ɛhɔ da fam, asafo ahyiae kɛse no mu na mehyira AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan