Nnwom 22 - KYERƐW KRONKRONAmanehunu dwom Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Adekyee forote” nne so. Dawid dwom 1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me? Me su a misu mefrɛ wo ne me nkwagye ntam ware. 2 Me Nyankopɔn, meteɛm mefrɛ wo awia, na wummua me, ne anadwo, nso minnya ɔhome. 3 Na woyɛ kronkron, wote ahengua so, na wo na Israel ayeyi nyinaa wɔ wo. 4 Wo so na yɛn agyanom de wɔn ho toe, wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn. 5 Wo na wɔteɛɛm frɛɛ wo, na wonyaa nkwagye, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu. 6 Na me de, meyɛ aboa,, na menyɛ onipa, meyɛ nnipa ahohorade ne ɔman akyiwade. 7 Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw tɛɛ wɔn anom wosow wɔn ti ka sɛ: 8 Dan to AWURADE so, ma onnye no, sɛ ɔpɛ no a, ma onyi no. 9 Na wo na wuyii me fii me na yam, mitua me na nufu ano no, na womaa me anidaso. 10 Mifi yafunum ara na wɔde me too wo so, wone me Nyankopɔn fi me na yam. 11 Mma me ne wo ntam nnware, na ahohia abɛn, na ɔboafo bi nni hɔ. 12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia, Basan anantwi akɛse abɔ me ho kɔntɔnkrɔn. 13 Wɔtɛɛ wɔn anom kyerɛ me sɛ gyata a ɔtetew na ɔbobom. 14 Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so. Me koma ayɛ sɛ hweawa, anan wɔ me yam. 15 M’ahoɔden mu ayow sɛ kyɛmfɛre, na me tɛkrɛma afam me dodom, na wode me ato owu mfutuma mu. 16 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbobom ba me so, wɔahwirew me nsa ne me nan mu. 17 Mitumi mekan me nnompe nyinaa, wɔn de, wɔhwɛ me de gye wɔn ani. 18 Wɔkyɛ me ntama mu fa, na m’atade so na wɔbɔ ntonto. 19 Na wo, AWURADE, ntena akyiri. M’ahoɔden, yɛ ntɛm bɛboa me. 20 Hwim me kra fi nkrante ano, m’ade koro no fi akraman nsam. 21 Gye me fi gyata anom, na ɛko mmɛn mu na wutie me. 22 Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom, mɛkamfo wo asafo mu. 23 Mo a musuro AWURADE, munyi no ayɛ. Yakob asefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam, na Israel asefo nyinaa, momfɛre no. 24 Na wannyaw ɔmanehunufo n’amanem, na wannyi n’anim nhintaw no, na mmom osu frɛɛ no no, otiei. 25 Wo na woma miyi wo ayɛ asafo kɛse mu, mɛma m’aboade, wɔn a wosuro no no anim. 26 Ahobrɛasefo bedidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyi kwan beyi no ayɛ. Mo koma nnya nkwa daa. 27 Asase ano ano sofo nyinaa bɛkae adan aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuw nyinaa abɛkotow n’anim. 28 Na ahenni wɔ AWURADE, na odi amanaman so. 29 Asase so abran nyinaa bedidi na wɔakotow no, wɔn a wosian kɔ mfutuma mu nyinaa, ne nea anka ne kra nni nkwa no bɛkotow no. 30 Nkyirimma bɛsom no, wɔbɛka AWURADE ho asɛm, awo ntoatoaso a edidi so mu. 31 Wɔbɛba abɛka ne trenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no, sɛ ɔno na wayɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana