Nnwom 2 - KYERƐW KRONKRONNea AWURADE asra no 1 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susuw ade hunu yi? 2 Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ, 3 Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛntow wɔn hama mfi yɛn ho ngu. 4 Nea ɔte soro no serew, AWURADE di wɔn ho fɛw. 5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ; 6 Me AWURADE na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so. 7 Na mɛka no nea AWURADE ahyɛ no, AWURADE ase me sɛ: Meba ne wo, ɛnnɛ na mawo wo. 8 Bisa me na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano noho adi so. 9 Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina. 10 Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu. 11 Monsom AWURADE, osuro mu, na munni ahurusi ahopopo mu. 12 Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana