Nnwom 19 - KYERƐW KRONKRONWɔhu Onyankopɔn animuonyam wɔ abɔde mu Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom 1 Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma. 2 Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi. 3 Ɛnyɛ ɔkasa, na ɛnyɛ nsɛm a wɔnte, 4 Ɔsoro susuhama du, asase nyinaa so na ne nsɛm du wiase ano; wasi ntamadan ama owia ɔsoro hɔ. 5 Na ofi adi sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, ɛde ahosɛpɛw tu mmirika sɛ ɔbran. 6 N’adifi wɔ ɔsoro ano, na ne kyini kodu ano hɔ, na biribiara nkora ne ho mfi ne hyew ano. 7 AWURADE mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. AWURADE adanse atim, ɛma awiɛmfo hu nyansa. 8 AWURADE ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, AWURADE mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani. 9 AWURADE suro yɛ kronkron, egyina hɔ daa. AWURADE atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ. 10 Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii, na ɛyɛ fremfrem sen ɛwo ne ahwerew mu nsu. 11 Wɔnam so bɔ w'akoa kɔkɔ, ɛsodi mu wɔ akatua pii. 12 Hena na ohu n’ankasa ne mfomso mu? Me bɔne a ahintaw me, fa kyɛ me. 13 Nso bɔ w’akoa ho ban wɔ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na medi bem, na me ho afi amumɔyɛ kɛse ho. 14 Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, AWURADE, me botan ne me gyefo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana