Nnwom 17 - KYERƐW KRONKRONƆboa ho adesrɛ Dawid mpaebɔ 1 AWURADE, tie asɛntrenee, wɛn w’aso ma me nkɔmmɔ, yɛ aso ma me mpaebɔ a emfi nnaadaa anofafa mu. 2 Ma me bembu mfi w’anim mmra, ma w’aniwa nhwɛ ade a ɛteɛ. 3 Sɛ wosɔ me koma hwɛ na wohwehwɛ mu anadwo, na wonan me yiyi mu, a worenhu me mu bɔne bi. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfi m’ano. 4 Nnipa nneyɛe fam, w’anom asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfo akwan ho. 5 W’anammɔn no ara so na me kwan nam, m’anan anwatiri. 6 O! Onyame, Misu mefrɛ wo na wubegye me so, Yɛ aso ma me, tie me nsɛm. 7 Fa anwonwa kwan so yi wo dɔ mmapa no adi kyerɛ, wo a wugye wɔn a wɔhwehwɛ guankɔbea, fi wɔn atamfo nsam. 8 Hwɛ me so sɛ aniwa kurutiayisi, fa me hintaw wo ntaban nwini ase, 9 abɔnefo a wɔfom me fa, m’atamfo atirimɔdenfo a wotwa me ho hyia no nti. 10 Wɔapirim wɔn koma, wonni mmɔborohunu biara, wɔde wɔn ano ka ahantan kasa. 11 Wɔtetɛw me, pɛ me asehwe na afei wotwa me ho hyia, wɔde wɔn ani akari me, pɛ sɛ mehwe ase. 12 Wɔte sɛ gyata a ɔredɛɛdɛɛ apɛ nea obenya no akyere te sɛ gyata ba a ɔtɛw kokoam. 13 O! AWURADE, sɔre besianka wɔn, brɛ wɔn ase, fa w’afoa gye me kra fi ɔbɔnefo nsam. 14 AWURADE, fa wo nsa begye me, fi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa ne wiase de, fa nea wasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma ma wɔn mma nnya no mmoroso na wɔmfa bi nnyaw nkyirimma. 15 Me de, mɛhwɛ w’anim trenee mu; minyan a, mehu sɛ mahu wo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana