Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 148 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn nkamfo

1 Munyi AWURADE ayɛ! Munyi AWURADE ayɛ mfi soro, munyi no ayɛ ɔsorosoro.

2 N’abɔfo nyinaa, munyi no ayɛ, n’asafo nyinaa, munyi no ayɛ.

3 Owia ne ɔsram, munyi no ayɛ, nsoromma a ɛharan nyinaa, munyi no ayɛ.

4 Mo soro mu soro, munyi no ayɛ, ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro so.

5 Ma wonyi AWURADE din ayɛ, na ɔno na ɔhyɛe na wɔbɔɔ wɔn;

6 na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa, wahyɛ ahyɛde a obi ntra.

7 Munyi AWURADE ayɛ mfi asase so, nsuboa ahorow ne abun nyinaa.

8 Ogya ne amparuwbo, sukyerɛma ne huruhurow, ahum a ɛyɛ nea n’asɛm se:

9 Mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow ne nkyeneduru nyinaa,

10 wuram mmoa ne afieboa nyinaa, mmoa a wɔwea ne ntakraboa.

11 Asase so ahene ne aman nyinaa, atitiriw ne asase so akannifo nyinaa,

12 mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra:

13 Wonyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.

14 Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefo nyinaa ayeyi, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Munyi AWURADE ayɛ!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan