Nnwom 142 - KYERƐW KRONKRONƆboa ho adesrɛ Dawid nnwenho dwom. Mpae a ɔwɔ ɔbodan mu no, ɔbɔe 1 Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekotɔ mesrɛ AWURADE, 2 mihwie me nkɔmmɔdi migu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no. 3 Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri. 4 Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, guankɔbea abɔ me, obi nhwɛ me kra kyea. 5 Misu mefrɛ wo, AWURADE. Mise: Wone me guankɔbea, me kyɛfa, ateasefo asase so. 6 Wɛn w’aso tie me su, na magurow, yi me fi m’ataafo nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛn me. 7 Yi me kra fi afiase, na mayi wo din ayɛ. Treneefo betwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yiye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana