Nnwom 140 - KYERƐW KRONKRONBammɔ ho mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom 1 O! Awurade, yi me fi nnipa bɔne nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho. 2 Wodwen bɔne wɔn komam, daa nyinaa wɔka ɔko. 3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ awɔ, ahurutoa bɔre wɔ wɔn se ano. Sela 4 O! Awurade, hwɛ me so fi ɔbɔnefo nsam, bɔ me ho ban, onipa kokobirifo ho, na wɔabɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobebutuw m’anammɔn. 5 Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Sela 6 Misee Awurade sɛ: Wone me Nyankopɔn, Awurade, yɛ aso ma me nkotɔsrɛ nne. 7 O! Awurade ne me nkwagye ahoɔden, wokataa me ti so ɔko da. 8 O! Awurade, mma ɔbɔnefo nea ɔpɛ, mma n’agyina no nnkɔ so, na wɔamma wɔn ho so. Sela 9 Wɔn a wotwa me ho hyia de, ma wɔn anom mmusu mmua wɔn atifi. 10 Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkudonku mu a wɔrensɔre bio. 11 Mma ɔtɛkrɛmafo nntim asase so, ɔkokobirifo, ma bɔne ntiw no yerɛdɛdɛ. 12 Minim sɛ Awurade bedi mmɔboroni asɛm, obebu atɛn ama ahiafo. 13 Ampa, treneefo bɛda wo din ase, teefo bɛtena w’anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana