Nnwom 14 - KYERƐW KRONKRONWiase nnebɔne ( Nnwom 53 ) Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid de 1 Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa. 2 AWURADE fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. 3 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw, obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ. 4 Enti omumɔyɛfo biara nni nimdeɛ, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔnsɔre AWURADE? 5 Ɛno na wɔn ho bɛpopo, kɛse pa ara efisɛ Onyankopɔn ka awo ntoatoaso a wɔyɛ atreneefo no ho. 6 Mobɛhwete ahiafo atirimpɔw mu ara de, nanso AWURADE ne wɔn guankɔbea. 7 Hena na ɔde Israel nkwagye befi Sion aba? Da a AWURADE de ne man nnommum bɛsan aba no, Yakob bedi ahurusi, na Israel ani agye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana