Nnwom 139 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn yɛ honhom Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom 1 O, AWURADE, woahwehwɛ me mu, na woahu me. 2 Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri. 3 Wopɛɛ me nantew ne me nna mu, na wunim m’akwan nyinaa mu yiye. 4 Na asɛm biara nni me tɛkrɛma so gye nea wo, O, AWURADE, wunim ne nyinaa. 5 Woaka me ahyɛm, m’akyi ne m’anim, na wode wo nsa ato me so. 6 Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, ɛkɔ soro dodo, mintumi koraa. 7 Ɛhe na mefi wo honhom no anim maguan makɔ? Na ɛhe na mefi w’anim maguan makɔ? 8 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ, na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wuni! 9 Sɛ mefa adekyee ntaban mitu mekɔtena po akyi noho a, 10 ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me, na wo nsa nifa beso me mu. 11 Na sɛ mise: Esum nko mmɛkata me so, na me ho hann nnan anadwo a, 12 esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo haran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ. 13 Na wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me na yam. 14 Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye. 15 Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu na wɔnwenee me anwonwa kwan so, asase mu tɔnn no. 16 Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no. 17 Na me de, O, Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara! Ɛdɔɔso dɛn ara! 18 Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sen nwea, minyan a, meda so mewɔ wo ho ara. 19 O, Onyankopɔn, sɛ wubekum ɔbɔnefo, na mogyapɛfo afi me so akɔ ɛ! 20 Wɔn a wɔkasa tia wo mmusu mu ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhude mu no. 21 AWURADE, wɔn a wɔtan wo no, mentan wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no, me werɛ nhow wɔn anaa? 22 Mede ɔtan pa metan wɔn, mibu wɔn m’atamfo. 23 Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, 24 na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana