Nnwom 137 - KYERƐW KRONKRONBabel nsubɔnten ho sufrɛ 1 Babel nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtenae na yesuu sɛ yɛkaee Sion. 2 Ɛhɔ nsukɔn so nnua no so na yɛde yɛn asanku sensɛnee. 3 Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafo bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ahawfo pepɛɛ yɛn hɔ anigye sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn. 4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛto AWURADE dwom, ananafo asase so? 5 O, Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a, ma me nifa werɛ mfi ne ho keka. 6 Sɛ mankae wo a, ma me tɛkrɛma mfam me dodom, sɛ mammu Yerusalem ankyɛn m’anigye nyinaa a…! 7 O, AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wosee sɛ: Munnwiriw, munnwiriw nkosi ne nhyɛase so! 8 O, Babel babea a wɔayɛ wo pasaa, nhyira ne nea ɔhyɛ wo ananmu, sɛnea wode yɛɛ yɛn no. 9 Nhyira ne nea oso wo nkokoaa mu pempem ɔbotan. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana