Nnwom 135 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn tumi ne ahoni mmerɛwyɛ 1 Munyi AWURADE ayɛ. Munyi AWURADE din ayɛ, O! AWURADE nkoa, munyi no ayɛ, 2 mo a mugyina AWURADE fi, yɛn Nyankopɔn fi adiwo. 3 Munyi AWURADE ayɛ, na AWURADE ye, monto dwom mma ne din, na ɛyɛ fɛ. 4 Na AWURADE apaw Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne de. 5 Na me de, minim sɛ AWURADE so, na yɛn wura so sen anyame nyinaa. 6 Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abun nyinaa mu. 7 Ɔma omununkum fi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutɔ, oyi mframa fi ne korabea. 8 Okum Misraim mmakan fi nnipa so kosii mmoa so. 9 Ɔmaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade baa wɔ, Misraim, mfinimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so. 10 Ɔbobɔɔ amanaman pii, na okum ahene atumfo: 11 Amorifo hene Sihon, ne Basan hene Og, ne Kanaan ahenni nyinaa, 12 na ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade, ɔde yɛɛ ne man Israel agyapade. 13 O! AWURADE, wo din wɔ hɔ daa, O! AWURADE, wo nkae tena awo ntoatoaso nyinaa so. 14 Na AWURADE bebu ne man bem, na obehu ne nkoa mmɔbɔ. 15 Amanaman ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nnipa nsa ano nnwuma. 16 Wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, 17 wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, na ɔhome biara nni wɔn anom. 18 Wɔn a wɔyɛ wɔn, ne obiara a ɔde ne ho to wɔn so no, bɛyɛ sɛ wɔn ara. 19 Israel fifo, munhyira AWURADE, Aaron fifo, munhyira AWURADE. 20 Lewi fifo, munhyira AWURADE, mo a musuro AWURADE, munhyira no. 21 Womfi Sion nhyira AWURADE, mo a mote Yerusalem no, munyi AWURADE ayɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana