Nnwom 132 - KYERƐW KRONKRONMpae a Dawid nti wɔbɔ ma Sion Mforoso dwom 1 AWURADE, kae Dawid brɛ ne ne bɔhyɛ nyinaa, 2 sɛnea ɔkaa AWURADE ntam na ɔhyɛɛ Yakob tumfo no bɔ sɛ: 3 Merenkɔ me fi ntamadan mu, meremforo me mpa so mpikyi, 4 meremma m’aniwa nna, m’anisuatɛtɛ rentɔ nko 5 kosi sɛ menya baabi mama AWURADE, tenabea bi ama Yakob Tumfo no ansa. 6 Hwɛ, yɛkɔtee wɔ Efrata, yekohuu wɔ Yaar asase so. 7 Momma yɛnkɔ ne tenabea nkɔkotow ne nan ntiaso anim ɛ. 8 AWURADE, sɔre kɔ wo homebea, wo ne wo tumi adaka no. 9 Ma w’asɔfo nhyɛ trenee, na ma w’ahotefo nni ahurusi. 10 Esiane w’akoa Dawid nti, nnan nea woasra no no ani. 11 AWURADE aka Dawid ntam nokwarem a ɔnnan ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’agua so mama wo. 12 Sɛ wo mma di m’apam ne m’adanse a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a, wɔn mma nso bɛtena w’agua so daa. 13 Na AWURADE apaw Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea. 14 Eyi ne me homebea daapem, ɛha na mɛtena, na mepɛ ha. 15 Mede nhyira mehyira n’adidide, mɛma n’ahohiafo aduan adi amee. 16 Na mede nkwagye mɛhyɛ n’asɔfo, na n’ahotefo bɛto ahurusi dwom. 17 Ɛhɔ na mɛma tumi afi ama Dawid, masiesie ɔkanea hann mama nea masra no no. 18 Mɛhyɛ n’atamfo aniwu, na ɔno de, n’ahenkyɛw bɛhyerɛn n’atifi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana