Nnwom 13 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn boa a ɛmma ntɛm no ho nkɔmmɔdi Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom 1 Ao! AWURADE, enkosi da bɛn? Wo were befi me daa? Wode w’ani behintaw me akosi da bɛn? 2 Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw, na ade kye a, awerɛhow ntena me komam? Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn? 3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, tew m’ani, na manna owu nna, 4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mihim a, m’ahohiahiafo anni ahurusi. 5 Na me de, m’ani da w’adɔe so, me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi, 6 mɛto AWURADE dwom sɛ ɔne me adi no yiye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana