Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 128 - KYERƐW KRONKRON


Ofie ahotɔ
Mforoso dwom

1 Nhyira ne obiara a osuro AWURADE, na ɔfa n’akwan so.

2 Na wubedi wo nsa ano adwuma, nhyira ne wo, na ebesi wo yiye.

3 Wo yere bɛyɛ sɛ obobe a ɛsow, wo fi mpia mu, wo mma bɛyɛ sɛ ngodua a afifi na wɔatetɛw atwa wo pon ho ahyia.

4 Hwɛ, sɛ wohyira onipa a osuro AWURADE ni.

5 AWURADE mfi Sion nhyira wo, na hu Yerusalem yiyedi wo nkwa nna nyinaa,

6 Yiw na hu wo mma mma. Asomdwoe mmra Israel so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan