Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 127 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE nhyira ne ade kɛse
Mforoso dwom. Solomon de

1 Sɛ AWURADE ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.

2 Ɔkwa ara na mosɔre anɔpahema na monnye mo ahome mpo anadwo bere, na mobrɛ ansa na moanya aduan adi. Nanso AWURADE na osiesie ma n’adɔfo mpo bere a wɔadeda no.

3 Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ, na yafunu mu aba yɛ akatua.

4 Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmerantebere mu mmabanin te ne no.

5 Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma, wɔne atamfo di, kurow pon mu a, wɔn ani renwu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan