Nnwom 118 - KYERƐW KRONKRONAsafo no aseda dwom 1 Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 2 Ma Israel nka ɛ: Yiw n’adɔe wɔ hɔ daa. 3 Ma Aaron fifo nka ɛ: Yiw n’adɔe wɔ hɔ daa. 4 Ma wɔn a wosuro AWURADE nka ɛ: Yiw, n’adɔe wɔ hɔ daa. 5 Mifi ahohia mu mefrɛɛ AWURADE na AWURADE gyee me so, nea ɛhɔ trɛw. 6 AWURADE wɔ m’afa, minsuro, dɛn na onipa betumi ayɛ me? 7 AWURADE wɔ m’afa sɛ me boafo, na me nso mehu nea mepɛ m’atamfo so. 8 Eye sɛ wɔkɔdɔ AWURADE sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto nnipa so. 9 Eye sɛ wɔkɔdɔ AWURADE sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahene so. 10 Amanaman nyinaa atwa me ho ahyia, AWURADE din mu ara na metwitwa wɔn magu. 11 Wɔatwa me ho ahyia awie koraa po, nanso AWURADE din mu ara na metwitwa wɔn magu. 12 Wɔatwa me ho ahyia sɛ nnowa, wobedum sɛ nsɔe mu gya, AWURADE din mu ara na metwitwa wɔn magu. 13 Wɔpoo me taw sɛ anka menhwe ase, na AWURADE aboa me. 14 M’ahoɔden ne m’ayeyi dwom ne AWURADE, na wayɛ me nkwagye. 15 Osebɔ ne nim gyigye treneefo ntamadan mu, AWURADE nifa di abaninsɛm. 16 Wɔama nifa so, AWURADE nifa di abaninsɛm. 17 Merenwu, na mmom menya nkwa, na maka AWURADE nneyɛe makyerɛ. 18 Aso na AWURADE atwe me, na owu de, wamfa me amma no. 19 Munhiɛ trenee aponkɛse mma me, na menhyɛn mu menna AWURADE ase. 20 AWURADE ponkɛse ni, treneefo bɛhyɛn mu. 21 Meda wo ase sɛ woagye me so, na woayɛ me nkwagye. 22 Ɔbo a abantofo apa no abɛyɛ twea bo titiriw. 23 AWURADE na ɔmaa eyi yɛe, ɛyɛ nwonwa, yɛn ani so. 24 Eyi ne da a AWURADE ayɛ, momma yenni ahurusi, na yɛn ani nnye wɔ mu. 25 O! AWURADE, gye nkwa ɛ, O! AWURADE, ma ensi yiye! 26 Nhyira ne nea ɔnam AWURADE din so reba no, yefi AWURADE fi rehyira mo. 27 AWURADE ne Nyankopɔn, wama hann ahyerɛn ama yɛn. Momfa nnubaa ntwa afahyɛ asefo no ho nhyia nkodu afɔremuka no mmɛn ho. 28 Me Nyankopɔn ne wo, na mɛda wo ase Me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so. 29 Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana