Nnwom 113 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn dom ahobrɛasefo 1 Munyi AWURADE ayɛ! Mo AWURADE nkoa, munyi no ayɛ, munyi AWURADE din ayɛ. 2 Nhyira nka AWURADE din mfi nnɛ nkosi daa. 3 Efi owiapuei kɔpem n’atɔe, AWURADE din sɛ ayeyi. 4 Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’anuonyam tra ɔsoro. 5 Hena na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro, 6 na ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam, ɔsoro ne asase so? 7 Ɔma ohiani so fi mfutuma mu, na ɔma mmɔboroni so fi sumina so, 8 sɛ ɔde wɔn bɛtena mmapɔmma nkyɛn, ne man mu mmapɔmma. 9 Ɔma ɔbaabonin nya ofi tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gye. Munyi AWURADE ayɛ! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana