Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 111 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn nnepa ho ayeyi

1 Munyi AWURADE ayɛ! Mede me koma nyinaa mɛkamfo AWURADE, treneefo guabɔ ne asafo mu.

2 AWURADE nneyɛe yɛ akɛse, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyi kwan.

3 N’adwuma yɛ nidi ne anuonyam, na ne trenee gyina hɔ daa.

4 Wama wɔakae n’anwonwade, ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE.

5 Ɔma wɔn a wosuro no didi mee, ɔkae n’apam daapem.

6 Wayi ne nneyɛe tumi akyerɛ ne man de amanaman agyapade ama wɔn.

7 Ne nsa ano nneyɛe yɛ nokware ne atemmu, n’ahyɛde nyinaa tim hɔ pintinn.

8 Etintim hɔ daa daa, wɔayɛ no nokware ne tee mu.

9 Wasoma ogye abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kosi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.

10 Nyansa mfiase ne AWURADE suro, ɛyɛ nimdeɛ pa ma wɔn a wodi so nyinaa; n’ayeyi gyina hɔ daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan