Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 11 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE mu ahotoso
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid de

1 AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.

2 Na hwɛ, abɔnefo kuntun wɔn tadua mu, wɔde wɔn mmɛmma asi hama so, sɛ wɔde bɛtow abɔ komam teefo, esum mu.

3 Sɛ wɔsɛe nnyinaso no a, ɔtreneeni bɛyɛ dɛn?

4 AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.

5 AWURADE sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.

6 Ɔbɛma nyansrama aduru abɔnefo, ogya ne sufre ne mframa a ɛdɛw na ɛbɛyɛ wɔn kuruwa mu kyɛfa.

7 Na AWURADE yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ asɛntrenee, wɔn a wɔteɛ behu n’anim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan