Nnwom 108 - KYERƐW KRONKRONAdɔe ho ayeyi ne ɔboa ho adesrɛ ( Nnwom 57.7-11 ) Dawid dwom 1 Me koma atim, Onyankopɔn, mɛto dwom, na mayi ayɛ, m’anuonyam na ɛbɛyɛ saa. 2 Bɛnta sanku ne sankuten, nyan, menyan adekyeehema. 3 AWURADE, mɛda wo ase, aman mu, na mɛto ayeyi dwom mama wo, aman mu. 4 Na w’adɔe so tra ɔsoro, na wo nokware du wim tɔnn. 5 Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro, na ma w’anuonyam so asase nyinaa so. 6 Nea ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti, fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so. 7 Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu; medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon. 8 Gilead wɔ me, Manase wɔ me, na Efraim yɛ me ti so dade kyɛw, Yuda yɛ m’ahempoma. 9 Moab yɛ me guasɛn, Edom so na mɛtow me mpaboa magu, Filistia so na mɛbɔ ose. 10 Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu, hena na obegya me akɔ Edom? 11 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn agu yi, na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ? 12 Bɛboa yɛn fi ahohia mu, na onipa gye nyɛ ogye bi. 13 Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne, na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana