Nnwom 100 - KYERƐW KRONKRONMommɔ ose mma AWURADE Aseda dwom 1 Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE. 2 Momfa anigye nsom AWURADE, na momfa ahurusi dwom mmra n’anim. 3 Munhu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, yɛyɛ ne de na yɛnne yɛn ho, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan. 4 Momfa aseda nhyɛn n’aponkɛse mu, na momfa ayeyi mmra n’abangua so. Monna no ase, munhyira ne din. 5 Na AWURADE ye, n’adɔe wɔ hɔ daa, na ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana