Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 1 - KYERƐW KRONKRON


NHOMA A EDI KAN ( Nnwom 1—41 ) Ɔtreneeni ne ɔbɔnefo

1 Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea,

2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na odwen ho awia ne anadwo.

3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.

4 Abɔnefo de, wɔnte sa, na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu.

5 Enti abɔnefo renni bem atemmu mu, na nnebɔneyɛfo renya kyɛfa treneefo asafo mu.

6 Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan