Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 9 - KYERƐW KRONKRON


Ɔman no ka wɔn bɔne

1 Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.

2 Na Israelfo no tew wɔn ho fii ananafo mma nyinaa ho, na wogyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumɔyɛ no.

3 Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, na wɔkenkan AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nhoma no mu adekyee mu nkyɛmu anan mu biako, na nkyɛmu anan mu biako nso wɔde kaa wɔn bɔne, na wɔkotow AWURADE wɔn Nyankopɔn.

4 Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

5 Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.

6 Na Esra kae sɛ: Wo ara wo nko ne AWURADE, wo na woyɛɛ ɔsoro, ɔsoro mu soro ne wɔn asafo nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase, na ɔsoro asafo no sɔre wo.

7 Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na wuyii no fii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.

8 Na wuhuu ne koma sɛ ɛyɛ nokware w’anim, na wo ne no pamee sɛ wode Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma n’asefo. Na woama wo nsɛm no atim, efisɛ woyɛ ɔtreneeni.

9 Na wohuu yɛn agyanom amanehunu Misraim, na wutiee wɔn sufrɛ Mmɛw-Po ano.

10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofo nyinaa so, na wuhui sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wugyee din sɛ ɛte nnɛ yi.

11 Na ɛpo no nso, wopaee mu, wɔn anim ma wɔfaa ɛpo no mu, asase kesee so, na wɔn a wotiw wɔn no de, wotow wɔn guu abun no mu, sɛ wɔtow ɔbo kyene nsu a emu dɔ mu.

12 Na wode omununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam so no so.

13 Nso wusian baa Sinai bepɔw so, na wufi soro ne wɔn kasae, na womaa wɔn trenee atemmude ne nokware mmara, ahyɛde ne mmara nsɛm a eye.

14 Na woma wohuu wo homeda kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛde ne mmara.

15 Na wode ɔsoro aduan maa wɔn de kum wɔn kɔm, na wuyii nsu fii ɔbotan mu maa wɔn de kum wɔn sukɔm, na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra mmedi asase a wokaa wɔn ntam sɛ wode bɛma wɔn no so.

16 Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.

17 Na wɔampɛ sɛ wotie, na wɔankae w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, na wosinsen wɔn kɔn, na wosii wɔn so panyin sɛ wɔresan akɔ Misraim wɔn anyadi no mu, wɔn atuatew no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, woyɛ abufuw mu nyaa, na w’adɔe dɔɔso, na woannyaw wɔn.

18 Mpo, wɔyɛɛ nantwi ba a wɔagu kae sɛ: Eyi ne wo nyame a okoyii wo Misraim bae no. Na wɔyɛɛ akyiwade kɛse no,

19 wo de, wo mmɔborohunu bebree nti, woannyaw wɔn sare no so: Omununkum dum no amfi wɔn so awia, sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan, ne ogya dum no nso anadwo, sɛ ɛbɛdɛw ama wɔn akyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so.

20 Na wode wo Honhom pa no nso mae, sɛ ɔnkyerɛ wɔn nyansa, na wo mana nso woamma ampa wɔn, na nsu nso womaa wɔn de kum wɔn sukɔm.

21 Na wohwɛɛ wɔn mfirihyia aduanan sare no so: Anhia wɔn, wɔn ntade ansusuw, na wɔn anan anhonhon.

22 Na wode ahenni ne amanaman maa wɔn, na wokyekyɛɛ wɔn mu ntonto so, na wɔfaa Sihon asase, Hesbonhene asase ne Basanhene Og asase so.

23 Na womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woka kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wɔbɛba so abedi so no so.

24 Na mma no baa so bedii asase no so, na wobrɛɛ asase no sofo, Kanaanfo no, ase wɔn anim, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, ne wɔn ahene ne asase no so amanaman, sɛ wɔnyɛ wɔn sɛnea wɔpɛ.

25 Na wogyigyee nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade, na wonyaa afi a nnepa ayeyɛ no amaama, nsubura a wɔbɔree, bobe nturo ne ngo nturo ne nnua a wodi bebree. Na wodii, na wɔmee, na wɔyeyɛɛ akɛse, na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, wo papa kɛse no mu.

26 Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.

27 Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafo nsa, na wohiahiaa wɔn ho; na wɔn ahohiahia bere mu no, wosu frɛɛ wo, na wo de, wufi soro tiee wɔn, na sɛ wo mmɔborohunu kɛse te no, wode agyefo maa wɔn, na wogyee wɔn fii wɔn ahohiahiafo no nsam.

28 Na wonyaa asomdwoe pɛ no, wɔsan kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wugyaw wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wodii wɔn so. Ɛnna wɔsan su frɛɛ wo; na wo nso wufi soro tiee wɔn, na wuyii wɔn sɛ wo mmɔborohunu bebree no te, bere horow mu.

29 Na wudii wɔn adanse sɛ wobɛsan wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wodii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na w’atemmude nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, onya mu nkwa. Na wohimaa wɔn mmati fii ho, na wosinsen wɔn kɔn, na wɔantie.

30 Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.

31 Nanso wo mmɔborohunu bebree nti, woanwie wɔn ase tɔre, na woannyaw wɔn, efisɛ Onyankopɔn domfo ne mmɔborohunufo ne wo.

32 Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.

33 Nanso woteɛ wɔ nea ɛbaa yɛn so no nyinaa mu, na woadi nokware; na yɛn na yedi fɔ,

34 na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.

35 Nanso wɔn ahenni mu ne wo papa bebree a woyɛɛ wɔn ne asase tɛtrɛɛ a adɔ srade a wode maa wɔn no mu no, wɔansom wo, na wɔansan amfi wɔn nneyɛe bɔne no mu.

36 Hwɛ, nnɛ, yɛyɛ nkoa, na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wonni so aba ne ɛso nnepa no, hwɛ, yɛyɛ ɛso nkoa.

37 Na ɛma nnɔbae pii ma ahemfo a wode wɔn asisi yɛn so, yɛn bɔne mu no, na wodi yɛn nipadua so ne yɛn mmoa so sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahohiahia kɛse mu.

38 Na eyi nyinaa nti, yɛrepam nokware apam, na yɛrekyerɛw, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifo ne yɛn asɔfo asɔ ano.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan