Nehemia 8 - KYERƐW KRONKRONEsra kenkan mmara no kyerɛ ɔman no 1 Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra. 2 Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan. 3 Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no. 4 Na ɔkyerɛwfo Esra gyinaa ɛsɛ a wɔde dua ayɛ a ɛkorɔn a asɛm no nti, wɔyɛe no so. Na Matitia ne Sema ne Anaia ne Uria ne Hilkia ne Maaseia gyinagyina ne nkyɛn, ne nifa so, na ne benkum nso Pedaia ne Misael ne Malkiya ne Hasum ne Hasbadana, Sakaria ne Mesulam. 5 Na Esra buee nhoma no mu ɔman no nyinaa anim, na ɔboro ɔman no nyinaa so. Na obuee mu no, ɔman no nyinaa sɔre gyinagyinae. 6 Na Esra hyiraa AWURADE, Onyankopɔn kɛse no. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Amen, Amen! Na wɔmomaa wɔn nsa so; na wɔkotow sɔree AWURADE de wɔn anim butubutuw fam. 7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae. 8 Na wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no fann, na wɔkyerɛɛ ase ma wɔtee ne kenkan no ase. 9 Na Nehemia a ɔne amrado no ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, ne Lewifo a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Munnni nkɔmmɔ, na munnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu. 10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkodi sradenam na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnhow mo ho, na AWURADE anika ne mo ahoɔden. 11 Na Lewifo no maa ɔman no nyinaa yɛɛ komm sɛ: Monyɛ dinn, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron, na mommma mo werɛ nnhow mo ho. 12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase. Asese afahyɛ 13 Na ɛda a ɛto so abien no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo no boaboaa wɔn ho ano behyiaa ɔkyerɛwfo Esra nkyɛn, sɛ wɔrebetie mmara nsɛm no. 14 Na wohui sɛ wɔakyerɛw mmara a AWURADE nam Mose so hyɛe no mu, sɛ Israelfo no ntena asese mu ɔsram a ɛto so ason so afahyɛ no mu, 15 ne sɛ wɔmma wɔnte na wɔmpae nkyin wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem sɛ: Mumfi adi nkɔ bepɔw so nkɔfa ngodua abaa ne kranku abaa ne ohuannua abaa ne berɛw ne nnua kusukusuu abaa, na momfa mmɛbobɔ asese sɛ wɔakyerɛw no. 16 Ɛnna ɔman no fii adi kɔfa bae, na wɔbobɔɔ asese, obiara ne dan atifi ne n’adiwo, ne Onyankopɔn fi abangua no so, ne nsu pon no ho mprae so ne Efraim pon no ho mprae so. 17 Na wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no bagua no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu. Na Israelfo nyɛɛ saa da fi Nun ba Yosua bere so de besi da no. Na ɛyɛɛ anigye kɛse pa ara. 18 Nso wɔkenkan Onyankopɔn mmara nhoma no mu daa, fi da a edi kan no ara de besii da a edi akyiri no. Na wodii nnapɔnna nnansɔn, na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, sɛ ne yɛbea te no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana