Nehemia 6 - KYERƐW KRONKRONAtamfo bɔ Nehemia ho pɔw 1 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiani Gesem ne yɛn atamfo nkae no tee sɛ mato ɔfasu no na tokuru biara nni mu bio no, (nanso bere no mu na minsisii apon no, kurow apon no ano), 2 Sanbalat ne Gesem soma baa me nkyɛn sɛ: Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono Asasetɛtrɛɛ no mu. Na wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho. 3 Na mesomaa ɔbɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Adwuma kɛse na mereyɛ yi, na mintumi minsian memma. Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn? 4 Na wɔsoma baa me nkyɛn sɛɛ ara mpɛn anan, na mibuaa wɔn saa ara. 5 Ɛnna Sanbalat somaa ne somfo baa me nkyɛn nea ɛto so anum, na nhoma a ano da hɔ kura ne nsam. 6 Wɔakyerɛw mu sɛ: Wɔkeka amanaman mu, na Gasmu ka sɛ wo ne Yudafo redwen atuatew, ɛno nti na woreto ɔfasu no yi, na wɔka nso sɛ worepɛ ɔhene adi. 7 Nanso woahyehyɛ adiyifo a wɔbɛpae wo ho asɛm Yerusalem se: Ɔhene bi wɔ Yuda. Na afei ɔhene bɛte asɛm yi. Na afei bra na yenhyia ntu agyina. 8 Ɛnna mesoma mekɔɔ ne nkyɛn sɛ: Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ bɔtirimuka. 9 Na wɔn nyinaa, ehu nko na woyi yɛn sɛ: Wɔn nsam begow afi adwuma no ho na wɔanyɛ. Na afei, hyɛ me nsam den. 10 Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fi, na ɔno de, wato ne ho pon mu. Na ɔkae sɛ: Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo. Anadwo na wɔbɛba abekum wo. 11 Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ. 12 Na mekarii, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no, na nkɔm yi, ɔhyɛ tiaa me, na Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. 13 Nea enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, minsuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me. 14 Me Nyankopɔn, kae Tobia ne Sanbalat sɛ wɔn nnwuma yi te, ne odiyifobea Noadia nso ne adiyifo no a anka wɔrepɛ ayi me hu no. Wowie ɔfasu no to 15 Na wɔde adaduonum abien na ewiee ɔfasu no ɔsram Elul da a ɛto so aduonu anum. 16 Na yɛn atamfo nyinaa tee no, amanaman a wɔwowɔ yɛn ho no surosuroe, na wɔtɔɔ mu wɔn ani so sɛ, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn nkyɛn na wofi bɛyɛɛ adwuma yi. 17 Nso nna no mu no, Yuda mmakoma no mu pii menaa Tobia nhoma, na Tobia nso de baa wɔn nkyɛn, 18 na Yuda mu nnipa pii asua akyerɛ no, efisɛ Arah ba Sekania ase ne no, na ne ba Yohanan aware Berekia ba Mesulam babea. 19 Nso wɔbɛkaa ne papa m’anim, na wɔkɔkaa me nsɛm nso kyerɛɛ no. Na nhoma no de, Tobia de menae sɛ ɔde rebeyi me hu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana