Nehemia 5 - KYERƐW KRONKRONObiara mfa ne ka nni 1 Na ɔman no ne wɔn yerenom nteɛm kɛse sɔre hyɛɛ wɔn nuanom Yudafo no, 2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa. 3 Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo ne yɛn afi resisi nwowa apɛ ɔkɔm mu aduan. 4 Na ebinom nso se: Yɛafɛm sika de ayi ɔhene tow, yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo no so. 5 Na yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn de, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ase, de wɔn ayeyɛ nkoa ne mfenaa na yɛn mmabea mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden bi nni yɛn nsam, na yɛn mfuw ne yɛn bobe nturo yɛ afoforo dea. 6 Na metee wɔn nteɛm ne nsɛm yi no, me bo fuwii sɛ. 7 Na me koma tuu me agyina, na me ne mmakoma ne mpanyimfo no hamee, na misee wɔn sɛ: Mfɛntom na mugyigye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so gua kɛse, 8 na misee wɔn sɛ: Yɛn de, yɛagye yɛn nuanom Yudafo a wɔtontɔn wɔn maa amanaman no, sɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, motontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na wonhu asɛm a wɔde bebua. 9 Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti? 10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ. 11 Ɛnnɛ ara monnan wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afi mma wɔn, ne sika ne aduan ne nsa ne ngo no ɔha mu abupɛn a mugyee wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no. 12 Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te. 13 Meporoporow me kokom nso na mekae sɛ: Sɛɛ na Onyankopɔn bɛporoporow onipa biara nipa a ɔmma asɛm yi ntim no afi ne fi ne ne dwuma mu, na sɛɛ na wɔbɛporoporow no na wayɛ ohunu. Na bagua no nyinaa kae sɛ: Amen. Na woyii AWURADE ayɛ. Na ɔman no dii asɛm yi so. Nehemia ahofama 14 Nso efi da a wɔde me sii Yuda asase so amrado no, efi ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu kosi afe a ɛto so aduasa abien so no, mfe dumien, me ne me nuanom anni amrado aduan. 15 Na kan amradofo a wodii m’anim no yɛɛ ɔman no so duru, na wogyigyee wɔn hɔ aduan ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbona aduanan nsɔn. Wɔn asomfo nso homm ɔman no so. Na me de, Onyankopɔn ho suro nti manyɛ sa. 16 Na ɔfasu yi ho adwuma no nso, misoo mu, na yɛannye asase bi po, na m’asomfo nyinaa ano bɛboae adwuma no ho. 17 Na Yudafo ne mpanyimfo no mu ɔha aduonum ne wɔn a wofifi yɛn ho amanaman mu ba yɛn nkyɛn no didii me pon so. 18 Na nea wɔnoa da koro ni: Nantwinini biako ne nguan a wɔadɔ asia, na ntakraboa na wosiesie ma me, na dadu mu pɛnkoro nsa ahorow bebree. Nanso eyi mu no, mammisa amrado aduan, efisɛ ɔsom no yɛ duru ɔman no so. 19 Me Nyankopɔn, kae ma me yiye so, nea ɔman yi nti meyɛe no nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana