Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 3 - KYERƐW KRONKRON


Wofi ase to Yerusalem fasu no bio

1 Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.

2 Na Yeriko mmarima sii nea ɛtoa so, na Imri ba Sakur sii ne ntoaso.

3 Na mpataa pon no, Senaa mma na esii, wɔn na wɔsɛm so na wosisii n’apon, ne mpratwom ne n’adaban.

4 Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba, Berekia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba, Sadok miamiaa mu.

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu.

6 Na ɔpon dedaw no, Pasea ba, Yoiada ne Besodeia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsɛm so, na wosisii n’apon ne ne mpratwom ne n’adaban.

7 Wɔn nkyɛn mu na Gibeonni, Melatia ne Meronotni Yadon, Gibeon ne Mispa mmarima a wɔhyɛ asuogya amrado no ase no miamiaa mu.

8 Ne nkyɛn mu na Harhaia ba Usiel a ofi sika adwumfo mu no miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hanania, nnufrafo ba no miamiaa mu, na wɔmaa Yerusalem yɛɛ den de kosii ɔfasu tɛtrɛtɛ no so.

9 Wɔn nkyɛn mu na Hur ba Refaia, Yerusalem fa so safohene, miamiaa mu.

10 Wɔn nkyɛn mu na Harumaf ba Yedaia miamiaa ne fi ntentenso de no mu. Ne nkyɛn mu na Hasabnia ba, Hatus miamiaa mu.

11 Baabi nso, Harim ba Malkiya ne Pahat-moab ba Hasub miamiaa mu, ne afononoo abantenten no nso.

12 Ne nkyɛn mu na Halohes ba Salum, Yerusalem fa so safohene miamiaa mu, ɔno ne ne mmabea.

13 Obon pon no, Hanun ne Sanoafo miamiaa mu, wɔn na wɔtoe na wosisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban, na wɔtoo ɔfasu no basafa ahanum de kosii sumina pon no ano.

14 Sumina pon no de, Rekab ba Malkiya, Bet-hakerem abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban.

15 Na nsuti pon no, Kol-hose ba Salum, Mispa abupɛn no so safohene, na omiamiaa mu, ɔno na ɔtoe na ɔkataa so na osisii ano apon, ne mpratwom ne n’adaban. Ɔtoo Siloa tare ho fasu nso, ɔhene turo no ho de kosii ntrapoe a esian fi Dawid kurow mu no ho.

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Bet-sur abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu de kosii Dawid adamoa ntentenso ne ɔtare a wɔyɛe no ho ara de kosii nnɔmmanin fi.

17 Ɔno so na Lewifo no, Bani ba Rehum, bɛtoae miamiaa mu. Ne nkyɛn mu na Hasabia, Keila abupɛn fa so safohene, miamiaa mu maa n’abupɛn.

18 Ɔno so na wɔn nuanom Henadad ba Bawai, Keila abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu.

19 Ne nkyɛn mu na Yesua ba Eser, Mispa safohene, miamiaa sin a ɛka ho no mu, kokoam amiade dan ntrapoe no ntentenso.

20 Ɔno so na Sabai ba, Baruk bɛtoae bɔɔ mmɔden miamiaa sin a ɛka ho no mu fii twea no ho de kosii ɔsɔfo panyin Eliasib fi pon ano.

21 Ɔno so na Hakos ba, Uria ba, Meremot bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu de fii Eliasib fi pon ano kosii Eliasib fi awiei noho.

22 Ɔno so na asɔfo no, Yordan nsunoafo no, bɛtoae miamiaa mu.

23 Ɔno so na Benyamin ne Hasub bɛtoae wɔn fi ntentenso. Ɔno so na Anania ba Maaseia ba Asaria bɛtoae ne fi ho.

24 Ɔno so na Henadad ba Binui bɛtoae miamiaa sin a ɛka ho no mu de fii Asaria fi no ho kosii kokoa no mu ne twea no ho.

25 Usai ba Palal, dii twea no ne abantenten a ɛteɛ fi atifi ahemfi nneduafo abangua ho no ntentenso. Ɔno so na Paros ba Pedaia dii.

26 Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kosii nsu pon no ntentenso apuei ne abantenten a efi adi no fam.

27 Ɔno so na Tekoafo no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien mu abantenten kɛse a efi adi no ntentenso kosii Ofel fasu no ho.

28 Efi apɔnkɔ pon no ano na asɔfo no miamiaa mu, wɔn nyinaa wɔ wɔn afi ntentenso.

29 Wɔn so na Imer ba Sadok bɛtoae ne fi ntentenso. Ɔno so na Sekania ba Semaia, apuei ponanohwɛfo no, bɛtoae.

30 Ɔno so na Selemia ba, Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf ba a ɔto so asia no bɛtoae miamiaa sin a ɛto so abien no mu. Ɔno so na Berekia ba, Mesulam bɛtoae ne pia ntentenso.

31 Ɔno so na Malkiya, sikadwumfo ba no, bɛtoae kosii nsɔfokwaa ne aguadifo no fi, Begua pon no ntentenso kosii twea abansoro dan no ho.

32 Na twea abansoro dan no ne nguan pon no ntam no, sika adwumfo ne aguadifo na amiamiaa mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan