Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 2 - KYERƐW KRONKRON


Nehemia akwannya ne ne tumi

1 Na ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu, ɔsram Nisan mu, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so mede memaa ɔhene no; nso menyɛɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ da.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ me sɛ: Efi dɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Eyi nyɛ hwee sɛ koma mu awerɛhow. Na misuroe pii pa ara,

3 na misee ɔhene no sɛ: Ɔhene nya nkwa nkosi daa! Ɛdɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kurow a m’agyanom adamoa wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahyew n’apon no.

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,

5 na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio.

6 Na ɔhene ne ɔhemmea a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ: Wo kɔ no bɛkyɛ akosi da bɛn, na da bɛn na wobɛsan aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ obegya me kwan; na mehyɛɛ no da.

7 Na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔmma me nhoma, na memfa menkɔma asuogya amradofo no, sɛ wonnya me kwan nkosi sɛ medu Yuda,

8 ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.

9 Na miduu asuogya amradofo no nkyɛn, na mede ɔhene nhoma no maa wɔn. Nso na ɔhene asoma dɔm asafohene bi ne apɔnkɔsotefo aka me ho.

10 Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni bi, tee no, ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse, sɛ onipa bi aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo.


Nehemia hwɛ Yerusalem afasu

11 Na mebaa Yerusalem, na midii hɔ nnansa.

12 Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no.

13 Na mefaa obon pon no mu mifii adi anadwo mefaa ɔtweaseɛ nsuaniwa no anim mekɔɔ sumina pon no ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasu a abubu ne n’apon a wɔde ogya ahyew no.

14 Na mesen mekɔɔ nsuaniwa pon no ano ne ɔhene tare ho, nanso na m’aboa a ɔwɔ m’ase no nnya baabiara mfa.

15 Ɛnna anadwo no meforoo osubon no mekɔhwɛɛ ɔfasu no, na mesan mefaa obon pon no mu mebae bio.

16 Na mmapɔmma no nnim nea mekɔe ne nea meyɛe, na Yudafo ne asɔfo ne mmakoma ne mmapɔmma ne nkae a wɔbɛyɛ adwuma no, minnya menka menkyerɛɛ wɔn ɛ, de abedu sesɛɛ.

17 Ɛnna misee wɔn sɛ: Mo ara muhu amane a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apon nso, wɔde ogya ahyew. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no, na yɛanyɛ ahohora bio.

18 Na mekaa wɔn me Nyankopɔn yiye a wayɛ me, ne ɔhene asɛm a ɔka kyerɛɛ me no. Ɛnna wose: Momma yɛnsɔre na yensi. Na wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no.

19 Na Horonni, Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabiani Gesem tee no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So, ɔhene anim atua na moretew yi?

20 Na mituaa wɔn ano misee wɔn sɛ: Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn, ne nkoa, yɛbɛsɔre asi, na mo de, munni kyɛfa ne tumi ne nkae bi wɔ Yerusalem.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan