Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 12 - KYERƐW KRONKRON


Asɔfo ne Lewifo din

1 Na eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro bae no: Seraia, Yeremia, Esra,

2 Amaria, Maluk, Hatus,

3 Sekania, Rehum, Meremot,

4 Ido, Ginetoi, Abigya,

5 Miamin, Maadia, Bilga,

6 Semaia, Yoiarib, Yedaia,

7 Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Eyinom ne asɔfo no ne wɔn nuanom atitiriw, Yesua bere so.

8 Na Lewifo no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a odi aseda nnwom no so, ɔne ne nuanom,

9 na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentenso, ɔwɛn no mu.

10 Na Yesua woo Yehoiakim, na Yehoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,

11 na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.

12 Na Yehoiakim bere so no, asɔfo no agyanom atitiriw ni: Seraia fam: Meraia; Yeremia de: Hanania;

13 Esra de: Mesulam; Amaria de: Yehohanan;

14 Maluki de: Yonatan; Sebania de: Yosef,

15 Harim de: Adna; Meraiot de: Helkai;

16 Ido de: Sakaria; Gineton de: Mesulam;

17 Abigya de: Sikri; Miniamin de, Moadia de: Piltai

18 Bilga: Samua; Semaia de: Yehonatan;

19 Yoiarib de: Matenai; Yedaia de: Usi;

20 Salai de: Kalai; Amok de: Eber;

21 Hilkia de: Hasabia; Yedaia de: Netanel.

22 Lewifo no, Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua bere so na wɔkyerɛw agyanom atitiriw no din, asɔfo no nso, wɔkyerɛw wɔn de Persiani Dario ahenni so.

23 Lewi mma, agyanom atitiriw no, wɔakyerɛw wɔn din, beresosɛm nhoma no mu de abesi Eliasib ba Yohanan bere so.

24 Na Lewifo mu atitiriw: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua ne wɔn nuanom a wodi wɔn ntentenso yi ayɛ da ase sɛnea Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe no, awɛmfo kuw ne kuw:

25 Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon ne Akub a wɔwɛn aponanohwɛfo wɛn, apon no anoboa dan no mu.

26 Eyinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yehoiakim bere so, ne amrado Nehemia ne ɔsɔfo Esra, ɔkyerɛwfo no, bere so.


Nehemia dwira ɔfasu no

27 Na wɔrebedwira Yerusalem fasu no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no fi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuru, mmɛnta asanku ne asankuten adi odwiratwa no anigye mu.

28 Na nnwontofo mma no boaa wɔn ho ano hyiae fi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafo nkuraa ase,

29 ne Bet-gilgal ne Geba mfuwa mu ne Asmawet, efisɛ nnwontofo no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia.

30 Na asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, na wodwiraa ɔman ne kurow apon ne afasu no.

31 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasu no, na mede aseda asafokuw akɛse abien a wɔnam yuu misisii hɔ: Biako faa nifa, ɔfasu no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

32 na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe,

33 ne Asaria, Esra ne Mesulam,

34 Yuda ne Benyamin, ne Semaia ne Yeremia,

35 ne asɔfo mma no mu binom a wokurakura ntorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,

36 ne ne nuanom: Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel ne Yuda, Hanani, wokurakura Onyankopɔn nipa Dawid asanku no, na ɔkyerɛwfo Esra di wɔn anim.

37 Na nsuaniwa pon no so ne wɔn ntentenso no, wɔforoo Dawid kurow aforoe no, ɔfasu no aforoe no so, Dawid fi no atifi fam de kosii Nsu Pono no ano apuei.

38 Na aseda asafokuw a ɛto so abien no kɔɔ wɔn ntentenso, na me nso midii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasu no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kosii ɔfasu Tɛtrɛtɛ no so,

39 de kɔfaa Efraim Pono ne Ɔpon Dedaw ne Mpataa Pono ne Hananeel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kosii Nguan Pon no ano, na wokogyinaa Nneduadan Pon no ano.

40 Ɛnna aseda asafokuw abien no kogyinaa Onyankopɔn fi, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,

41 ne asɔfo no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wokurakura ntorobɛnto,

42 ne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser; na nnwontofo no momaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so hwɛfo.

43 Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse da no, na wɔn ani gyei, efisɛ Onyankopɔn de anigye kɛse agye wɔn ani; na mmea ne mmofra nso ani gyei, na wɔtee Yerusalem anigye no nka akyirikyiri.


Asɔrefi akyɛde so ahwɛfo

44 Na ɛda no ara, wɔde mmarima bi sisii akorade ne soma afɔrebɔde ne aduankan ne ntotoso du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkurow no mfuw mu kyɛfa a mmara no hyɛe no ano ngu mu mma asɔfo ne Lewifo no, efisɛ Yuda nyaa asɔfo ne Lewifo a wosisii wɔn no ho anigye.

45 Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofo ne apon ano hwɛfo no sɛ Dawid ne ne ba Solomon hyɛe no.

46 Na tete no, Dawid bere so no, na Asaf ne nnwontofo ne Onyankopɔn ayeyi ne aseda so otitiriw.

47 Na Serubabel ne Nehemia bere so no, Israel nyinaa momaa nnwontofo ne apon ano hwɛfo no kyɛfa, da biara ne ne de, na wɔde akronkronne maa Lewifo, na Lewifo no nso de akronkronne maa Aaron mma.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan