Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 10 - KYERƐW KRONKRON


Woti Onyankopɔn apam no mu

1 Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,

2 Seraia, Asaria, Yeremia,

3 Pashur, Amaria, Malkiya,

4 Hatus, Sebania, Maluk,

5 Harim, Meremot, Obadia,

6 Daniel, Gineton, Baruk,

7 Mesulam, Abigya, Miyamin,

8 Maasia, Bilgai ne Semaia. Eyinom ne asɔfo no;

9 ne Lewifo: Asania ba Yesua, Binui a ofi Henadad mma mu, Kadmiel,

10 ne wɔn nuanom: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

11 Mika, Rehob, Hasabia,

12 Sakur, Serebia, Sebania,

13 Hodia, Bani ne Beninu.

14 Ɔman no atitiriw: Paros, Pahat-moab, Elam, Satu, Bani,

15 Buni, Asgad, Bebai,

16 Adonigya, Bigwai, Adin,

17 Ater, Hesekia, Asur,

18 Hodia, Hasum, Besai,

19 Harif Anatot, Nebai,

20 Magpias, Mesulam, Hesir,

21 Mesesabel, Sadok, Yadua,

22 Pelatia, Hanan, Anaia,

23 Hosea, Hanania, Hasub,

24 Halohes, Pilha, Sobek,

25 Rehum, Hasabna, Maaseia,

26 Ahia, Hanan ne Anan,

27 Maluk, Harim, Baana.

28 Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa,

29 wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;

30 ne sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, nanso yɛremfa wɔn mmabea mma yɛn mmammarima.

31 Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.

32 Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;

33 ama Kyerɛ Abodoo ne daa aduan afɔre ne daa hyew afɔre, home nna de, asram foforo de, ama afahyɛ ne akronkronne ne bɔne ho afɔre, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fi adwuma nyinaa.

34 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛde ho ntonto, asɔfo, Lewifo, ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fi, sɛnea yɛn mpanyimfi te, afe afe mu, bere a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no so, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu no.

35 Na yɛhyɛe sɛ yɛde yɛn asase so aduankan ne nnua nyinaa aba a edi kan bɛba AWURADE fi daa afe,

36 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no,

37 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn soma afɔrebɔde ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfo no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fi mpia no mu; na yɛde yɛn asase so ntotoso du du bɛma Lewifo no, na wɔn Lewifo no anya ntotoso du du, nkuraase a yɛdɔw mu no nyinaa mu.

38 Na ɔsɔfo, Aaron ba, nka Lewifo no ho bere a Lewifo no regye ntotoso du du no, na Lewifo no mfa ntotoso du du no mu nea ɛto so du no mmra yɛn Nyankopɔn fi, na wɔmfa ngu adekora adan mpia no mu.

39 Na Israelfo ne Lewifo no nyinaa mfa aduan ne nsa ne ngo soma afɔrebɔde no mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinne ne asɔfo a wɔsom ne apon ano hwɛfo ne nnwontofo no wɔ; na yɛrennyaw yɛn Nyankopɔn fi no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan