Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nehemia 1 - KYERƐW KRONKRON


Nehemia awerɛhow ne ne mpaebɔ

1 Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no,

2 Hanani, me nuanom mu biako, ne mmarima bi a wofi Yuda bae. Na mibisaa wɔn Yudafo a wofii mu a wɔkae nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho asɛm.

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.

4 Na metee nsɛm yi no, metenaa ase misui, na midii nkɔmmɔ nna bi, na midii abuada, na mebɔɔ mpae ɔsoro Nyankopɔn anim,

5 na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!

6 Ma w’aso mmra so na w’aniwa mmue, na fa tie w’akoa mpae a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo ama wo nkoa Israelfo, ne ɔka a mereka Israelfo bɔne a yɛayɛ wo no; na me nso ne m’agya fi ayɛ bɔne.

7 Ɔfom na yɛafom wo, na yɛanni wo mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wohyɛɛ w’akoa Mose no so.

8 Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo de, mofom a, me nso mɛbɔ mo mapete aman mu;

9 na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnne sɛ wɔpam mo kɔ ɔsoro ano noho a, ɛhɔ ara na mefi maboaboa mo ano mede mo maba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

10 Na wɔn nso wɔyɛ wo nkoa ne wo man a wode wo tumi kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den agye wɔn.

11 Ao, Awurade, ma w’aso mmra w’akoa mpaebɔ ne wo nkoa a wo din suro yɛ wɔn fɛ mpaebɔ so, na ma ensi w’akoa yiye nnɛ, na fa ɔbarima yi so hu no mmɔbɔ. Saa bere no na mene ɔhene nsahyɛfo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan