Nahum 3 - KYERƐW KRONKRONNiniwe asodi ne n’asotwe 1 Due, mogya kurow! Wo a apoobɔ ne awudi ahyɛ wo mu nyinaa ma, na afow no to ntwa wɔ mu. 2 Ɔpɔnkɔ abaa gyigye, teaseɛnam nan yɛ kirididi, apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam huruhuruw. 3 Apɔnkɔsotefo nam so reba, afoa pa nyinamnyinam, na peaw pa yerɛwyerɛw, atɔfo dɔɔso, awufo dodow, wontumi nkan, na wohintihintiw wɔn afunu no. 4 Eyi nyinaa fi Niniwe aguaman hoɔfɛfo ntafowayifo no aguamammɔ dodow no, ɔno na ɔde n’aguamammɔ tɔn amanaman, na ɔde ne ntafowayi tɔn mmusuakuw. 5 Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na meyi w’atade mmuano afa w’anim, na mama amanaman ahu w’adagyaw, na ahenni aman ahu w’ahohora. 6 Na mɛtow atantanne agu wo so, na m’agoru wo ho, na mede wo mayɛ ahwɛde. 7 Na obiara a obehu wo no beguan, na waka sɛ: Niniwe adan akurofo! Hena na obedi no nkɔmmɔ? Ɛhena na ɔbɛkyekye ne werɛ? Ahantan ne adenya ho nni mfaso 8 So wuye sen No-amon a ɔte asuten ntam a nsu nko atwa ne ho ahyia a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasu no? 9 Etiopia ne Misraimfo yɛ ne dɔm a wɔyɛ den a wontumi nkan wɔn bio. Put ne Libiafo nso di boaa no. 10 Ɛno nso akɔ otukɔ mu, ɔkɔɔ nnommumfa mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn bobɔɔ mmorɔn nyinaa so twitwaa wɔn mu asinasin, na wɔtwee n’anuonyamfo so ntonto, na woguu ne nnipa akɛse nyinaa mpokyerɛ. 11 Wo nso ahohiahia bɛbow wo na woayera mu, na wobɛhwehwɛ guankɔbea ɔtamfo anim. 12 W’aban a ɛyɛ den nyinaa yɛ borɔdɔma nnua a ɛso wɔ adɔmakan, sɛ wɔwosow a, ɛtotɔ odifo anom. 13 Hwɛ, w’akofo yɛ mmea wɔ wo mu, obue na wɔabue w’asase apon ama w’atamfo, ogya ahyew w’apon akyi adaban. 14 Sesaw ntoa nsu sie, miamia w’abandennen mu! Tia dɔte mu wɔw ɛbo, miamia ntayaa fononoo no mu. 15 Ɛhɔ ara na ogya bɛhyew wo, afoa betwa wo akyene sɛ ntuntummɛ sɛe nnɔbae. Ma wo dodow nyɛ sɛ ntuntummɛ, na ɛnnɔɔso sɛ mmoadabi. 16 Woama w’aguadifo adɔɔso asen ɔsoro nsoromma; nanso wɔte sɛ ntuntummɛ, wogu so fow, na wotu kɔ. 17 W’asafohene te sɛ mmɛbɛw, na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmoadabi akuwakuw a wɔsensam ban ho awɔw da; owia fi a, wotu kɔ a obi bi nnim faako a wɔkɔ. 18 W’ahwɛfo afa mu adeda, O Asaria hene, w’anuonyamfo deda hɔ; wɔabɔ wo man apete mmepɔw so, na ɔnoboafo nni hɔ. 19 Wo kuru nni asaye, wo pira no mu yɛ den; obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam gu wo so; na hena na watumi aguan afi wo daadaa haw no ho? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana