Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nahum 2 - KYERƐW KRONKRON


Niniwe asehwe

1 Niniwe, nea ɔbɔ pete no reforo aba wo so. Bɔ nsra a emu yɛ den, wɛn ɔkwan, bɔ wo ho so, hyɛ w’ahoɔden mu den yiye.

2 Na AWURADE de Yakob kɛseyɛ resan aba sɛ Israel kɛseyɛ; ɔno a afowfo afow no, na wɔasɛe ne bobe abaa.

3 Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofofo no furafura kɔben, nteaseɛnam no yɛ dade gya, ɛda a osiesie dɔm no, na wɔwosow peaw nnua;

4 nteaseɛnam bɔ dam mmɔnten so, efi ti kɔ ti, mprama so; ɛho te sɛ agyatɛn, ɛnenam sɛ anyinam.

5 Ɔfrɛfrɛ n’akofo atitiriw, wohintihintiw wɔn nantew mu; wɔde ahoɔhare kɔ fasu no so, na wɔde osuhyɛ si so.

6 Wɔabue nsubɔnten no ano aponkɛse no, na ahodwiriw aba ahemfi.

7 Na wɔahyɛ no sa, wɔapa [Niniwe] ho, wɔafa no kɔ, na ne mmaawa si apini sɛ mmorɔnoma pempem wɔn koko.

8 Na Niniwe te sɛ ɔtare fi ne tete nna mu; na wɔn de, woguan. Munnyina, munnyina! Na obiara nnan n’ani.

9 Momfow dwetɛ, momfow sika kɔkɔɔ! Na ahonyade no nni awiei, nnwinne afɛfɛ ahorow nyinaa dodow yɛ duru.

10 Ao Niniwe, hwɛ sɛ wasi ada mpan, na wayɛ hunu ne amamfo, na wo koma ahodwow, na w’anankoroma hinhim, w’asen mu nyinaa yɛ wo yaw, na w’anim nso asinsiam fitaa.

11 Ɛhe na gyata tenabea no wɔ, ne gyataforo adidibea a anka ɛwɔ hɔ no, nea gyatanini ne gyatabere ne gyata ba nenam hɔ a obi nni hɔ a oyi wɔn hu no?

12 Gyata tetew mu ma ne mma na omia ma n’abere, na ɔde ntetewee hyɛɛ n’atu mu amaama, na ɔde nea ɔtetew mu no hyehyɛɛ ne tenabea.

13 Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na mɛma ne nteaseɛnam ahyew owusiw mu, na afoa bedi w’agyataforo no; na metwa w’afow ade no afi asase so, na wɔrente w’abɔfo no nne bio.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan