Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nahum 1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho.


AWURADE abufuhyew no

2 Onyankopɔn yɛ ninkufo ne weretɔfo ne AWURADE, ampa ara ɔweretɔfo ne AWURADE, na abufuw tumi ahyɛ no ma. AWURADE tɔ n’ahohiafo so were, na n’abufuw wɔ hɔ ma n’atamfo.

3 AWURADE bo kyɛ fuw, na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma.

4 Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow, na ɔma nsuten nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;

5 mmepɔw wosow n’anim, na nkoko hono; asase wosow n’anim, yiw wiase ne emutefo nyinaa mpo.

6 Hena na obegyina n’abohuru anim, na hena na ɔbɛsɔre ahyɛ n’abufuw no? N’anibere hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.

7 AWURADE ye, ɔyɛ guankɔbea hia da mu, na onim wɔn a woguan kɔdan no.

8 Na n’atamfo de nsuyiri bɛma sibea ayera, na watiw wɔn akodu esum mu.

9 Atamfo, dɛn na mudwen AWURADE ho? Obewie mo korakora, na morensɔre ntia no mprenu.

10 Na sɛ wɔtoatoam sɛ nguare mpo, na wɔn mmorosa abobow mo nso a, wɔbɛhyew koraa sɛ sakran guanguan.

11 Wo Niniwe, wo mu na nea odwen AWURADE ho bɔne, nea otuu agyina huhuw no fi.


Yuda te anigyesɛm

12 Sɛ AWURADE se ni: Sɛ mudi mu na mo dɔɔso saa po a, wobetwitwa mo agu saa ara, na moatwam akɔ. Ao Yuda, na sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a, afei de meremmrɛ wo ase bio;

13 na afei mebubu Niniwe kɔnnua afi wo so, na matetew wo nkyehama mu.

14 Na wo Niniwe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ wo din bɛyera afi asase so; metwitwa ohoni a wɔasen ne ogu honi afi wo nyame fi; mɛbɔ wo damoa, efisɛ woadan atantanne.

15 Hwɛ, mmepɔw so na asɛmpakafo nan wɔ, wɔreka asomdwoesɛm. Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboade, na ohuhuni no remfa wo mu bio, woatwa no akyene koraa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan