Mmebusɛm 9 - KYERƐW KRONKRONNyansa frɛ 1 Nyansa asi ne dan, wasen n’adum asɔn; 2 wakum ne mmoa, wafra ne nsa, na wasiesie ne pon nso; 3 wasoma ne mmaawa, ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: 4 Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti no, ose no sɛ: 5 Mommra mmedi m’aduan no bi, na monnom me nsa a mafra no bi. 6 Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so. 7 Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no soa aniwu, na nea ɔka ɔbɔnefo anim no nya nkekae. 8 Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo. 9 Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa, ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu, 10 Ampa ara nyansa mfiase ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu. 11 Na me nti wo nna de bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho. 12 Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa. Nkwaseasɛm ho kɔkɔbɔ 13 Ɔbea kwasea yɛ ɔkasafo, tibɔnkɔso a onnim hwee; 14 ɔtena ne fi abobow ano, kurow mu sorɔnsorɔn hɔ agua so, 15 sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresen ɔkwan so, wɔnam wɔn nkwammɔe so tee no sɛ: 16 Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti nso, ose no sɛ: 17 Nsu a wowia yɛ fremfrem, na ahintaduan yɛ dɛ! 18 Nso onii no nnim sɛ nsamanfo wɔ hɔ, asaman abun mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana