Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 8 - KYERƐW KRONKRON


Nyansa kamfo ne ho

1 Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm, na ntease ma ne nne so?

2 Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so, nkwanta so na ogyinae,

3 na ɔteɛm aponkɛse ho, kurotia, abobow ano sɛ:

4 Mo mmarima na meteɛm mefrɛ mo, na me nne gyigye ma nnipa mma.

5 Mo, ntetekwaa, momma mo ani ntew, na mo, nkwasea, munnya nhumu koma.

6 Muntie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ, na m’anom bue de nsɛm a ɛteɛ ba;

7 na nokware fi m’anom, na m’ano akyide ne abɔnefosɛm;

8 m’anom nsɛm nyinaa nam trenee mu, ade a akyim anaasɛ ɛkyea nni mu;

9 ne nyinaa mu da hɔ ma nhumufo, na ɛteɛ ma wɔn a wɔahu nimdeɛ.

10 Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ, na momfa nimdeɛ, na munnyaw sika a wɔayiyi mu.

11 Na nyansa ye sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.

12 Me, nyansa, me ne anitew na ɛte, na adwempa ne nimdeɛ na mihu.

13 AWURADE suro ne bɔne tan. Ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.

14 Afotu ne nyansahu wɔ me, mene nhumu, mmaninyɛ wɔ me.

15 Me so na ahene nam di hene, na atitiriw hyɛ mmara trenee;

16 me so na mpanyimfo nam di panyin, ne abirempɔn, ne asase so atemmufo nyinaa.

17 Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.

18 Ahonyade ne anuonyam wɔ me hɔ, ahode a ɛkyɛ ne trenee.

19 M’aba ye sen sika ne amapa, na me nnɔbae sen dwetɛ a wɔayiyi mu.

20 Trenee tempɔn mu na menam, atemmu akwan so pɛ,

21 sɛ merema m’adɔfo adi ade, na mahyɛ wɔn adekorabea amaama.

22 AWURADE bɔɔ me de fii n’adwuma ase, ne nnwuma a efi teteete no mu adikan,

23 ɔde me sii hɔ fii tete bemee, fii mfiase ansa na asase reba.

24 Abun nni hɔ no, na wɔawo me, nsuti a ɛba nsu pii nni hɔ no;

25 wonnya mfaa mmepɔw nsisii hɔ, na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me;

26 onnya nyɛɛ asase ne wura, ne wiase mfutuma no.

27 Osiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ, bere a otwaa abun ani kɔntɔnkrɔn no;

28 ɔde amununkum sensɛn soro pintinn, na bun mu nsuaniwa paee dennen,

29 otwaa ɛpo hye, na nsu antra, na ɔde asase nhyɛase too hɔ no,

30 na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfo panyin na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu,

31 m’ani gye ne wiase asase so, na m’ani ka nnipa mma mu.

32 Na afei, mma, muntie me, na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so.

33 Muntie nteɛso na munhu nyansa, na monntew atua.

34 Nhyira ne onipa a otie me na ɔwɛn m’apon ano daa daa, na ɔhwɛ m’abobow ano apongua so:

35 Na nea ohu me no hu nkwa, na onya AWURADE hɔ anisɔ;

36 na nea ɔfom me no di ne kra aboro, wɔn a wɔtan me nyinaa dɔ owu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan