Mmebusɛm 7 - KYERƐW KRONKRONAguamammɔ ne ɛso aba 1 Me ba, di me nsɛm so, na fa me mmara nsɛm sie. 2 Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutiayisi. 3 Fa kyekyere wo nsatea so, kyerɛw wo koma pon so. 4 Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabea ne wo! Na frɛ nhumu sɛ w’adamfowa, 5 na ahwɛ wo so afi ɔbea sansani ho, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho. 6 Na mifi me dan mfɛnsere mu, m’ahunuaniankansa mu mehwɛe; 7 na mehwɛɛ ntetekwaafo mu, mihuu mmofra no mu aberantewa bi a onni ti, 8 ɔperee abɔnten bɛn ne twea, na ɔsen faa ne fi kwan, 9 ɛbere a ade resa, anadwofa, anadwo kɔnkɔn ne sum mu. 10 Na hwɛ, ɔbea bi hyiaa no, ofura aguamantam, ne koma asen; 11 wagyigya na n’aso asorow, ne nan ntena ne fi; 12 mprempren ɔwɔ mmorɔn so, seisei yi ɔwɔ gua so, na ɔtetɛw twea nyinaa so. 13 Ɛnna osoo no mu, na ofew n’ano, na ɔhyɛɛ n’ani den ka kyerɛɛ no sɛ: 14 Asomdwoe afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboade; 15 enti na mifi mibehyiaa wo yi, mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu wo yi. 16 Mede mmommo makata me mpa so, Misraim nkyeremu; 17 mede kurobow ne pɛprɛ ne dupapo mapete me nnae so. 18 Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho. 19 Na ofiwura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri; 20 wafa fotow ne sika akura, ɔsram korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie. 21 Ɔde brada pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe. 22 Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no, sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifo aso, 23 kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu, te sɛ anomaa de ahoɔhare kɔ afiri mu, na onnim sɛ ne nkwa na ɛda mu. 24 Na afei, me mma, muntie me, na monyɛ aso mma m’anom nsɛm. 25 Mma wo koma mmman nnkɔ n’atempɔn so, mfom nkɔ n’akwan so. 26 Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ, na wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso; 27 ne fi ne asamando kwan, esan kɔ owu mpia mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana