Mmebusɛm 5 - KYERƐW KRONKRONAguamammɔ ho kɔkɔbɔ 1 Me ba, tie me nyansa, brɛ w’aso ase ma me ntease, 2 na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ. 3 Na ɔbea sansani ano kyi ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo; 4 na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu. 5 N’anan sian kɔ owu mu, asaman na n’anammɔn tutu kɔ. 6 Nkwa kwan de, ɔnkɔ ara da, n’anammɔn kyinkyin kɔ nea onnim hɔ. 7 Na afei, me mma, muntie me, na munnyi mo ho mmfi m’anom nsɛm ho. 8 Ma wo kwan mfi ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fi pon ano; 9 na woamfa wo nidi amma ebinom, ne wo mfe amma otirimmɔdenfo; 10 na ahɔho anni w’ade ammee, na w’adwumade antena obi hunu fi; 11 na wo nna a edi akyiri no, woampenepene, sɛ wo nipadua ne wo honam asa, 12 na woanka se: Ao, sɛ metan nteɛso na me koma kyii animka ni! 13 Na mantie m’akyerɛkyerɛfo, na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfo! 14 Ɛkaa kumaa ma esii me bɔne koraa, asafo ne guabɔ mu. 15 Nom w’abura mu nsu ne nsu a ɛsen fi wo nsuti mu. 16 Wo nsuaniwa bebu so afi adi ayɛ mmɔnten so asuten; 17 ɛbɛyɛ wo nko dea, na ɛnyɛ wo ne ahɔho bi dea. 18 Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye; 19 na ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo ne anuonyam wansan no. Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi. 20 Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan, na wuso ɔbea hɔho kokom? 21 Na onipa akwan da AWURADE anim, na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa. 22 Ɔbɔnefo amumɔyɛ so no mu, na ne bɔne nhama kyere no. 23 Ɔkwati nteɛso nti obewu, na n’agyennyentwisɛm dodow nti ɔbɛyera. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana