Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Mmebusɛm 4 - KYERƐW KRONKRON


Nyansa ho afotu

1 Mma, muntie agya nteɛso, na monyɛ aso na moanya nhumu.

2 Na adenim pa na mekyerɛ mo, munnnyaw me mmara.

3 Na bere a meyɛ abadomaa, ɔba banin ne ɔba koro ma me na ne m’agya no

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

5 Nya nyansa, nya nhumu, mma wo werɛ mmfi, na mman mfi m’anom kasa ho.

6 Nnyaw no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo.

7 Nyansa ne ade titiriw: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhumu.

8 Bu no, na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

9 Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam akyekyetiri, abotiri fɛfɛ na ɛde bɛhyehyɛ wo.

10 Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfe adɔɔso.

11 Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tee so.

12 Wo nantew mu w’anammɔn renkyere wo, na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

13 So nteɛso mu dennen, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.

14 Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so.

15 Kwati no, nsen mfa so, man fi ho, na twa ho kɔ.

16 Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;

17 na wodi abɔnefosɛm aduan, na amimdi nsa na wɔnom.

18 Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.

19 Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.

20 Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa.

21 Mma emmfi w’ani so, fa sie wo komam tɔnn.

22 Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma ne honam nyinaa.

23 Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.

24 Yi ano kɔntɔnkye fi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri.

25 Ma w’ani nhwɛ tee, na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim.

26 Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim.

27 Mman nifa anaa benkum, twe wo nan fi bɔne mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan